Psalms 114


1Bere a Israelfo fii Misraim,
na Yakobfifo fii ananafo asase so no,

2 Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea
na Israel bɛyɛɛ nʼaheman.


3 Po no hwɛe, na eguanee,
Yordan san nʼakyi;

4 Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini,
nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma.


5 Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee?
Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi?

6 Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini,
na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi?


7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim,
wɔ Yakob Nyankopɔn anim,

8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura,
na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.
Copyright information for TwiAKNA